Exodus 30

Aduhuam Afɔremuka

1“Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ketewa bi a wobɛhyew aduhuam wɔ so. 2Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe, na ne sorokɔ nso nyɛ anammɔn abiɛsa a wɔasen; ne mmɛn a baako tua ho. 3Fa sikakɔkɔɔ dura ne soro, ne nkyɛn ne ne mmɛn a ɛwɔ afɔremuka no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ mmuano twa afɔremuka no ho nyinaa hyia. 4Fa sikakɔkɔɔ nkaa abien hyehyɛ mmuano no a ɛwɔ afanu no ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu. 5Wɔmfa ɔkanto na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa. 6Fa afɔremuka no si ntwamtam no akyi wɔ mpatabea hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ no ho ban. Mehyia mo wɔ hɔ.

7“Da biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ afɔremuka no so. 8Anwummere biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhyew aduhuam wɔ Awurade anim ama awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa. 9Monhyew aduhuam a wɔama ho kwan wɔ afɔremuka no so. Mommmɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so. 10Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔremuka no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a etuatua ho no so sɛ mpata. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔtew afɔremuka no ho yɛ no kronkron ma awo ntoatoaso a ɛbɛba no so kosi awo ntoatoaso so. Ɛyɛ kronkron ma Awurade.”

11Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 12“Bere biara a wobɛkan Israelfo no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne kra ho mpata mmrɛ Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so. 13Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbona fa, a emu duru yɛ gram asia (sɛnea kronkronbea mu dwetɛbona bo te no.) 14Obiara a wadi mfe aduonu rekɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔre yi. 15Ɛnsɛ sɛ adefo ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato hɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ahiafo nso ma nea esua sen saa, efisɛ ɛyɛ Awurade afɔre a ɔde retew yɛn ho ama yɛn. 16Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiae Ntamadan no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma Awurade ani aba mo, Israelfo, so na ayɛ mpata nso ama mo.”

17Awurade ka kyerɛɛ Mose se. 18“Fa kɔbere yɛ hweaseammɔ a ne nnyinaso nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na fa nsu gu mu. 19Ɛhɔ na Aaron ne ne mmabarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn anan ho 20bere a wɔrekɔ Ahyiae Ntamadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ wɔrekɔ akɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka no so ama Awurade no. Saa ara na bere biara a wɔrekodi saa dwuma yi no, 21ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho na wɔanwuwu. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama Aaron ne nʼasefo, awo ntoatoaso a ɛbɛba nyinaa.”

22Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 23“Hwehwɛ nnuhuam papa sɛ kurobow a ɛyɛ kilogram asia, sinamon kilogram abiɛsa ne mmetire huamhuam kilogram abiɛsa. 24Kurobow dodow a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodow na momfa ngodua mu ngo lita anan. 25Awurade ahyɛ nnuhuamfrafo a wakwadaw ne yɛ mu yiye, sɛ wɔmfra saa nnuhuam yi mma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde tew onipa ho. 26Na momfa eyi ntew Ahyiae Ntamadan ne Apam Adaka, 27ɔpon no ne ɛho nkankyee nyinaa, kaneadua no ɛho nneɛma, nnuhuam afɔremuka no, 28ɔhyew afɔre ne ho nkankyee, ne hweaseammɔ ne nea esi so. 29Montew ho na ɛnyɛ kronkron na biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi no ho atew.

30“Monsra Aaron ne ne mmabarima no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛtew na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma de asom me. 31Na monka nkyerɛ Israelfo se, ‘Eyi bɛyɛ me srango kronkron ama awo ntoatoaso a ɛbɛba no. 32Ɛnsɛ sɛ wohwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ankasa nso moyɛ bi, efisɛ ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron. 33Obiara a ɔbɛfra aduhuam a ɛte sɛ ɛno na obehwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfo so no, sɛ sɛ wo twa no asu.’ ”

34Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhuam no ho maa Mose se, “Fa nnuhuam atomude ne nworahuam ne prɛkɛsɛ huamhuam ne ohuamfufu gyenennyenen na wonsusuw ne nyinaa mu duru mma ɛnyɛ pɛ, 35na fa yɛ aduhuam a wɔhyewee a aduhuamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhuam kronkron. 36Monyam bi mma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim faako a mehyia mo wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ no. Saa aduhuam yi ne nea ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu. 37Monnyɛ bi mfa, efisɛ wɔakora ama Awurade enti ɛsɛ sɛ moyɛ no kronkron. 38Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wontwa no asu.”
Copyright information for TwiAKNA